Ɔpɔ Ne Nteteɛ Pa Ho Hia Wɔ Akan Ne Kiswahili (KiswaTwili) Mmɛ Mu

$20.00

-
+

Description

Ɔpɔ Ne Nteteɛ Pa Ho Hia Wɔ Akan Ne Kiswahili (KiswaTwili) Mmɛ Mu

Akan (Twi) ne Kiswahili Mmɛ Ntotoho ne Nhwehwɛmu Josephine Dzahene-Quarshie & Ọbádélé Kambon SOLCON II ||| Yawoada 26, 2017 ||| Awia 1:15
Reginald Amonoo Dan (Fɛransefoɔ Fie)

Ahwɛtie no tenten: 31:04

Mfoniwaa dodoɔ: 38

Adwenkyerɛ mu nsɛmpɔ: Ntotoho foforɔ a afa Akan ne Kiswahili mmɛ ho akyerɛ pefee sɛ mmɛ wɔ kasa mmienu yi mu bɛmmɛn wɔn ho wɔ akwan bebree so – te sɛ wɔn su, wɔn ban, wɔn nhyehyɛɛ ɛne adwenesu-nhyehyɛɛkwan a ɛtaa wɔn akyi (Kambon and Dzahene-Quarshie, forthcoming). Saa nkitahodie ne asɛsɛm no gyina amammerɛ ne abakɔsɛm mu suahunu a ɛsesɛ wɔ Akanman mu ne Swahiliman mu. Nhwehwɛmu yi mu, yɛbɛhwɛ mmɛ dibea wɔ mmɔfra ne nkwadaa ɔpɔ ho nteteɛ ne wɔn nnesua mu. Nhwehwɛmu yi nso bɛma ɛda adi sɛ amammerɛ di mu akotene ɛberɛ a yɛdwene fa pɔ a obi pɔ ho wɔ aman mmienu yi mu. Afei ntotoho yi mu, yɛbɛyi mmɛ binom adi ɛde akyerɛ sɛnea amanmufoɔ si hunu ɔpɔ ne nteteɛ pa wɔ Akanman ne Swahiliman mu.

 

 

Reviews

There are no reviews yet.

Be the first to review “Ɔpɔ Ne Nteteɛ Pa Ho Hia Wɔ Akan Ne Kiswahili (KiswaTwili) Mmɛ Mu”