pXrt pw anx ‘abrabɔ yɛ nkɔbɛsie’, Akora Dua Kube dwom, ne Ahome anwonsɛm

$20.00

-
+

Specs

SKU: pxrt-pw-anx-abrab-y-nkbsie-akora-dua-kube-dwom-ne-ahome-anwonsm Category: Tags: , , , , , , , , , ,

Description

pXrt pw anx ‘abrabɔ yɛ nkɔbɛsie’, Akora Dua Kube dwom, ne Ahome anwonsɛm

Agya Koo Nimo dwom Akora Dua Kube na ɛma yɛhunu sɛ nkitaho bi da apaeɛ ne afɔrebɔ ntam (Nimo, 1990). Tete bɛ bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, sɛbe pXrt pw anx ‘abrabɔ yɛ nkɔbɛsie’ (Faulkner, 1956, p. 22, lines 20-21). Ɛkyerɛ sɛ, ewiase yi mu, nipa dasani di akɔ-ne-aba saa te sɛ owia apueeɛ ne n’atɔeɛ a ɛsan ba apueeɛ bio. Sɛɛ na mpanimfoɔ bu bɛ bi sɛ ‘abɔdeɛ ne abrabɔ mu yɛ ntaa.’ Afei, sɛbe, abirekyie se ‘Deɛ ɛbɛba aba dada.’ Akora Dua Kube dwom no fa ɔpanin bi ho a – ɛkwan bi so – ɔbɔɔ afɔreɛ ma nkyirimma. Akora yɛ obi a ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya. Na mmom, ɔdwene ɔno ne ɔmanfo nyinaa ho; ne titire ne daakye nkyirimma mma ho. Ɛne sɛ, ɔbɔɔ ne tirim pɔ sɛ, kube a anka wanom emu nsuo a anka wadi emu aduane no, ɔkɔɔ ne mfikyire duaa saa kube no mmom. Ɔduaa saa kube no a, nsuo a anka ɔde bɛgu so ama kube no ayɛ yie no nso te sɛ apaeɛ a yɛyi ɛde ma wɔn a wɔakɔ wɔn nkuraase – sɛɛ na wɔn ara na wɔyɛ wɔn a wɔbɛsan aba abɛwe kube no daakye. Adetwerɔ yi mu, yɛde pXrt pw anx ‘abrabɔ yɛ nkɔbɛsie’ bɛyɛ Akora Dua Kube ho mpɛnsɛmpɛnsɛnmu. Awieeɛ no, yɛbɛma ɛda adi pefee sɛ adwene a ɛwɔ saa bɛ yi mu na ɛyɛ apaeɛ ne afɔrebɔ nyinaa fapem.

Video (Viewable) and Secured PDF (downloadable) Combo

Video Duration: 33:33
Secured PDF of Lecture Slides: 17 Slides

Reviews

There are no reviews yet.

Be the first to review “pXrt pw anx ‘abrabɔ yɛ nkɔbɛsie’, Akora Dua Kube dwom, ne Ahome anwonsɛm”