Akomamusɛm Nnyinahɔma wɔ Akan ne Kiswahili

$20.00

-
+

Description

  • Dwumadie wei mu, yɛhwɛ nsɛdie ne nsonsonoeɛ a ɛda akomamusɛm, adwenemusɛm, ne atenkasɛm wɔ Akan ne Kiswahili mu. Ɛkame ayɛ sɛ kasatɔmmɛ sɛ kasa di amammerɛ mu akotene wɔ ɔman biara mu. Kasa yɛ kwan baako a amammerɛ ankasa da adi. Okunini, Agya Kambon ne Okuninibaa, Ɛna Dzahene-Quarshie (2016) ma ɛdaa adi pefee sɛ nsɛdie da nnipakuo mmienu yi ntam; afei, ntotoho nhwehwɛmu a ɛfa mmɛbusɛm a akɔyɛ pɛ ɛne deɛ ɛdi nsɛ yi ho nso ama yɛahunu pefee sɛ Akan ne Kiswahili wiase adwenemusɛm a ɛwɔ kasa yi mu san di nsɛ yie pa ara. Okuninibaa Dzahene-Quarshie (2018) ma yɛtee aseɛ sɛ wɔ Kiswahili mu, akomamusɛm, atenkasɛm, ne adwenemusɛm taa da adi wɔ nnyinahɔma kwan so. Ɛnam wei nyinaa so na nhwehwɛmu yi hwɛ kasamufa a ɛfa honam akwaa ho; a ɛsan hwɛ ɔdedesɛm a ɛne wɔn nneyɔ kyerɛ akomamusɛm, atenkasɛm, ne adwenemusɛm bi te sɛ ne ti nni (a ɛkyerɛ sɛ nipa ko no, sɛbe, wabɔ dam) wɔ Akan kasa mu ɛne hana akili ‘ne tiri awu’ (a n’aniso nkyerɛaseɛ ne ‘ɔnni adwene/amene/tirim hon’). Nkratoɔ a ɛwɔ nhwehwɛmu yi na ɛfiri mmataho nwoma mu ɛne ɔmanni kasafoɔ nimdeɛ mu. Nhwehwɛmu yi ne dwumadie nhyehyɛɛkwan no yɛ adwenefa nnyinahɔma.

Tenten simma 31, simmasini 23

Mfoniwaa 16

Reviews

There are no reviews yet.

Be the first to review “Akomamusɛm Nnyinahɔma wɔ Akan ne Kiswahili”